Native Bible

1 Chronicles 14:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni nyinaa hɔ enti, Dawid hyɛ maa wɔhyee ne nyinaa.

1 Chronicles 14:12 in English

1 Chronicles 14:12 · Berean Standard Bible

There the Philistines abandoned their gods, and David ordered that they be burned in the fire.

Context

10Enti, Dawid bisaa Onyankopɔn sɛ, “Mempue na me ne Filistifoɔ no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa?” Awurade buaa sɛ, “Aane, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.” 11Enti, Dawid ne nʼakodɔm kɔɔ Baal-Perasim kɔdii Filistifoɔ no so wɔ hɔ. Dawid teaam sɛ, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfoɔ mu te sɛ nsuyire a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beaeɛ hɔ edin Baal-Perasim (a asekyerɛ ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”). 12Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni nyinaa hɔ enti, Dawid hyɛ maa wɔhyee ne nyinaa. 13Nanso, ankyɛre biara, Filistifoɔ no sane baa bɔnhwa no mu bɛsɛee hɔ. 14Dawid bisaa Onyankopɔn deɛ ɔnyɛ bio. Onyankopɔn buaa sɛ, “Nkɔ tee nkɔto nhyɛ wɔn so. Mmom, fa wɔn ho kɔsi wɔn akyi na monto nhyɛ wɔn so wɔ baabi a ɛbɛn baka nnua no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.