Native Bible

Zephaniah 3:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛda no, mɛboaboa wo ano, na mede wo aba fie. Mɛhyɛ wo animuonyam na makamfo wo wɔ asase so nnipa nyinaa mu na mede wʼahonyadeɛ bɛsane ama wo na wode wʼani bɛhunu,” sɛdeɛ Awurade ka nie.

Zephaniah 3:20 in English

Zephaniah 3:20 · Berean Standard Bible

At that time I will bring you in; yes, at that time I will gather you. For I will give you fame and praise among all the peoples of the earth when I restore your captives * before your very eyes,” says the LORD.

Context

18“Mo awerɛhoɔ to bɛtwa ɛfiri sɛ mobɛnya ɛkwan adi mo afahyɛ no; mo anim rengu ase bio. 19Saa ɛberɛ no me ne wɔn a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bɛdi; Mɛgye mmerɛyɛfoɔ na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano. Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn animuonyam asase biara a wɔguu wɔn anim ase wɔ so no so. 20Saa ɛda no, mɛboaboa wo ano, na mede wo aba fie. Mɛhyɛ wo animuonyam na makamfo wo wɔ asase so nnipa nyinaa mu na mede wʼahonyadeɛ bɛsane ama wo na wode wʼani bɛhunu,” sɛdeɛ Awurade ka nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.