Native Bible

Zechariah 8:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mmarimaa ne mmaayewa a wɔredi agorɔ bɛhyɛ kuropɔn no mmɔntene so ma.”

Zechariah 8:5 in English

Zechariah 8:5 · Berean Standard Bible

And the streets of the city will be filled with boys and girls playing there.”

Context

3Deɛ Awurade seɛ nie, “Mɛsane akɔ Sion na makɔtena Yerusalem. Afei wɔbɛfrɛ Yerusalem Nokorɛ Kuropɔn, na Asafo Awurade bepɔ no, wɔbɛfrɛ no Bepɔ Kronkron.” 4Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nkɔkoraa ne mmerewa bɛtenatena Yerusalem mmɔntene so bio a obiara kura poma, ɛsiane onyini enti. 5Na mmarimaa ne mmaayewa a wɔredi agorɔ bɛhyɛ kuropɔn no mmɔntene so ma.” 6Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nkaeɛfoɔ yi deɛ, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa saa ɛberɛ no, na me nso ɛbɛyɛ me nwanwa anaa?” 7Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mɛgye me nkurɔfoɔ afiri aman a ɛwɔ apueeɛ ne atɔeɛ no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.