Native Bible

Zechariah 6:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade asɛm baa me nkyɛn. Ɔkaa sɛ,

Zechariah 6:9 in English

Zechariah 6:9 · Berean Standard Bible

The word of the LORD also came to me, saying,

Context

7Apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no firii adi no, wɔpɛɛ sɛ wɔkɔ asase nyinaa so. Na ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Monkɔ asase nyinaa so!” Enti wɔkɔɔ asase so mmaa nyinaa. 8Afei, ɔfrɛɛ me sɛ, “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam ɔman so no ama me Honhom ahomegyeɛ wɔ atifi fam asase no so.” 9Awurade asɛm baa me nkyɛn. Ɔkaa sɛ, 10“Gye sikakɔkɔɔ ne dwetɛ firi atukɔfoɔ, Heldai, Tobia ne Yedaia a wɔfiri Babilonia aba no nkyɛn. Ɛda no ara kɔ Sefania babarima Yosia fie. 11Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa yɛ ahenkyɛ, hyɛ ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.