Native Bible

Zechariah 6:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Gye sikakɔkɔɔ ne dwetɛ firi atukɔfoɔ, Heldai, Tobia ne Yedaia a wɔfiri Babilonia aba no nkyɛn. Ɛda no ara kɔ Sefania babarima Yosia fie.

Zechariah 6:10 in English

Zechariah 6:10 · Berean Standard Bible

“Take an offering from the exiles—from Heldai, Tobijah, and Jedaiah, who have arrived from Babylon—and go that same day to the house of Josiah son of Zephaniah.

Context

8Afei, ɔfrɛɛ me sɛ, “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam ɔman so no ama me Honhom ahomegyeɛ wɔ atifi fam asase no so.” 9Awurade asɛm baa me nkyɛn. Ɔkaa sɛ, 10“Gye sikakɔkɔɔ ne dwetɛ firi atukɔfoɔ, Heldai, Tobia ne Yedaia a wɔfiri Babilonia aba no nkyɛn. Ɛda no ara kɔ Sefania babarima Yosia fie. 11Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa yɛ ahenkyɛ, hyɛ ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti. 12Ka kyerɛ no sɛ, sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no nie, na ɔbɛfefɛ afiri hɔ akɔsi Awurade asɔredan no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.