Sakaria 6:13
Zechariah 6:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔno na ɔbɛsi Awurade asɔredan no, na wɔbɛhyɛ no animuonyam, na ɔbɛtena nʼahennwa so adi ne ɔhene, na ɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ wɔ nʼahennwa so. Afei asomdwoeɛ bɛba mmienu no ntam.’
Zechariah 6:13 in English
Zechariah 6:13 · Berean Standard Bible
Yes, He will build the temple of the LORD; He will be clothed in splendor and will sit on His throne and rule. And He will be a priest on His throne,* and there will be peaceful counsel between the two.’
Context
11Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa yɛ ahenkyɛ, hyɛ ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti. 12Ka kyerɛ no sɛ, sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no nie, na ɔbɛfefɛ afiri hɔ akɔsi Awurade asɔredan no. 13Ɔno na ɔbɛsi Awurade asɔredan no, na wɔbɛhyɛ no animuonyam, na ɔbɛtena nʼahennwa so adi ne ɔhene, na ɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ wɔ nʼahennwa so. Afei asomdwoeɛ bɛba mmienu no ntam.’ 14Wɔde ahenkyɛ no bɛma Heldai, Tobia, Yedaia ne Sefania babarima Hen, na wɔde ayɛ nkae adeɛ wɔ Awurade asɔredan mu. 15Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no bɛba abɛboa Awurade asɔredan no si, na mobɛhunu sɛ Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. Sɛ moyɛ ɔsetie ma Awurade mo Onyankopɔn nokorɛ mu a, yei bɛba mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.