Native Bible

Zechariah 14:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa bɛtena mu, na wɔrensɛe no bio. Yerusalem bɛnya asomdwoeɛ.

Zechariah 14:11 in English

Zechariah 14:11 · Berean Standard Bible

People will live there, and never again will there be an utter destruction. So Jerusalem will dwell securely.

Context

9Awurade bɛdi ɔhene wɔ asase nyinaa so. Saa ɛda no, Awurade bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako pɛ. 10Asase a ɛfiri Geba kɔsi Rimon a ɛda Yerusalem anafoɔ fam nyinaa bɛyɛ asase tamaa sɛ Araba. Nanso, wɔbɛma Yerusalem so ama nnipa atena hɔ afiri Benyamin Ɛpono akɔsi Ɛpono A Ɛdi Ɛkan, de akɔsi Ntweasoɔ Ɛpono ne Hananel Abantenten de akɔsi ɔhene no nsakyimena no ho. 11Nnipa bɛtena mu, na wɔrensɛe no bio. Yerusalem bɛnya asomdwoeɛ. 12Yei ne ɔyaredɔm a Awurade de bɛbɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no. Wɔn honam bɛporɔ ɛberɛ a wɔgyina wɔn nan so. Wɔn anikosua bɛporɔ wɔ wɔn ntokuro mu, na wɔn tɛkrɛma bɛporɔ wɔ wɔn anomu. 13Saa ɛda no, Awurade bɛma nnipa abɔ huboa, na wɔbɛtwa wɔn ho ako.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.