Native Bible

Zechariah 11:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Twa adwo wo pepeaa, na ntweneduro ahwe ase; wɔasɛe nnua a ɛwɔ animuonyam no! Twa adwo Basan adum; wɔabubu kwaeɛbirentuo no mu nnua no!

Zechariah 11:2 in English

Zechariah 11:2 · Berean Standard Bible

Wail, O cypress,* for the cedar has fallen; the majestic trees are ruined! Wail, O oaks of Bashan, for the dense forest has been cut down!

Context

1Buebue wʼapono, Ao Lebanon, na ogya mmɛhye wo ntweneduro! 2Twa adwo wo pepeaa, na ntweneduro ahwe ase; wɔasɛe nnua a ɛwɔ animuonyam no! Twa adwo Basan adum; wɔabubu kwaeɛbirentuo no mu nnua no! 3Tie nnwanhwɛfoɔ agyaadwoɔ; wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no! Tie agyata no mmobom; Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛfɛ no asɛe! 4Yei ne deɛ Awurade me Onyankopɔn seɛ: “Fa nnwankuo a wɔrebɛku wɔn no kɔ adidibea.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.