Sakaria 11:10
Zechariah 11:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, mefaa me poma a mefrɛ no Adɔeɛ no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no.
Zechariah 11:10 in English
Zechariah 11:10 · Berean Standard Bible
Next I took my staff called Favor and cut it in two,* revoking the covenant I had made with all the nations.
Context
8Ɔbosome baako mu, mepamoo nnwanhwɛfoɔ mmiɛnsa no.
Nnwankuo no ampɛ me, na wɔmaa me brɛeɛ 9na mekaa sɛ, “Merenyɛ mo hwɛfoɔ bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekye wɔn ho wɔn ho nwe.” 10Afei, mefaa me poma a mefrɛ no Adɔeɛ no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no. 11Wɔsɛee no ɛda no ara, na wɔn a wɔrehunu amane wɔ nnwankuo no mu a na wɔrehwɛ me no hunuu sɛ, ɛyɛ Awurade asɛm. 12Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ ɛbɛyɛ yie a, montua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wɔtuaa dwetɛ mpɔ aduasa maa me.*
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.