Native Bible

Zechariah 1:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, memaa mʼani so, na mehunuu mmɛn ɛnan!

Zechariah 1:18 in English

Zechariah 1:18 · Berean Standard Bible

Then I looked up and saw four horns.

Context

16“Enti, deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsane abɛhunu Yerusalem mmɔbɔ, na ɛhɔ na wɔbɛsane asi me fie. Na wɔbɛtwe susu ahoma mu wɔ Yerusalem so,’ deɛ Asafo Awurade seɛ nie. 17“Kɔ so pae mu ka sɛ, sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Nnepa bɛbu so wɔ me nkuro yi so bio, na Awurade bɛkyekye Sion werɛ bio, na wafa Yerusalem.’ ” 18Afei, memaa mʼani so, na mehunuu mmɛn ɛnan! 19Mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ, “Yeinom yɛ ɛdeɛn?” Ɔbuaa me sɛ, “Saa mmɛn yi na ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.” 20Na Awurade kyerɛɛ me adwumfoɔ ɛnan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.