Native Bible

Song of Songs 5:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mebue maa me dɔfoɔ no, nanso na ɔkɔ. Ne korɔ no maa me ho dwirii me. Mehwehwɛɛ no nanso manhunu no baabiara. Mefrɛɛ no nanso wannye me so.

Song of Songs 5:6 in English

Song of Songs 5:6 · Berean Standard Bible

I opened for my beloved, but he had turned and gone. My heart sank at his departure. I sought him, but did not find him. I called, but he did not answer.

Context

4Me dɔfoɔ yɛɛ sɛ ɔrebue ɛpono no mʼakoma firi aseɛ bɔɔ kimkim wɔ me mu. 5Mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ, na me nsa ho kurobo ne me nsateaa ho aduhwam, yɛɛ apratwom no ho. 6Mebue maa me dɔfoɔ no, nanso na ɔkɔ. Ne korɔ no maa me ho dwirii me. Mehwehwɛɛ no nanso manhunu no baabiara. Mefrɛɛ no nanso wannye me so. 7Awɛmfoɔ no hunuu me ɛberɛ a wɔrebɔ aporɔ wɔ kuropɔn no mu. Wɔbobɔɔ me pirapiraa me; wɔyii mʼatadeɛ kɔreɛ saa awɛmfoɔ a wɔwɛn afasuo no! 8Ao, Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo, sɛ mohunu me dɔfoɔ no a, asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no? Monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ama matɔ piti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.