Nnwom Mu Dwom 5:16
Song of Songs 5:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa; ɛkwan biara so, ne ho yɛ fɛ. Me dɔfoɔ nie, mʼadamfo nie, Ao, Yerusalem mmammaa.
Song of Songs 5:16 in English
Song of Songs 5:16 · Berean Standard Bible
His mouth * is most sweet; he is altogether lovely. This is my beloved, and this is my friend, O daughters of Jerusalem.
Context
14Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa
a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu.
Ne onipadua te sɛ asonse a wɔatwi ho
na wɔde aboɔdemmoɔ adura ho. 15Ne nan te sɛ abohemaa afadum a
ɛsisi sikakɔkɔɔ amapa nnyinasoɔ so.
Ne bɔberɛ te sɛ Lebanon a
ɔyɛ sononko sɛ ne ntweneduro. 16Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa;
ɛkwan biara so, ne ho yɛ fɛ.
Me dɔfoɔ nie, mʼadamfo nie,
Ao, Yerusalem mmammaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.