Nnwom Mu Dwom 2:14
Song of Songs 2:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuro mu ahinta wɔ mmepɔ so, ma me nhunu wʼanim; ma mente wo nne; wo nne yɛ dɛ, na wʼanim yɛ fɛ.
Song of Songs 2:14 in English
Song of Songs 2:14 · Berean Standard Bible
O my dove in the clefts of the rock, in the crevices of the cliff, let me see your face, let me hear your voice; for your voice is sweet, and your countenance is lovely.
Context
12Nhwiren afifiri asase ani:
nnwontoɔ berɛ aso.
Wɔte mmorɔnoma su
wɔ yɛn asase so. 13Borɔdɔma agu nhyerɛnne;
na bobe hwa agye baabiara.
Sɔre bra, me dɔfoɔ;
mʼahoɔfɛ bra me nkyɛn.” 14Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuro mu
ahinta wɔ mmepɔ so,
ma me nhunu wʼanim;
ma mente wo nne;
wo nne yɛ dɛ,
na wʼanim yɛ fɛ. 15Monkyekyere sakraman no mma yɛn,
sakraman nketewa no
a wɔsɛe bobe nturo,
yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmm no. 16Me dɔfoɔ yɛ me dea, na mewɔ no;
ɔhwehwɛ sukooko no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.