Ruth 4:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaawaberɛ mu na ɔnhwɛ wo wɔ wo mmerewabɔ mu. Ɛfiri sɛ ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsene mmammarima nson ma wo no babarima.”
Ruth 4:15 in English
Ruth 4:15 · Berean Standard Bible
He will renew your life and sustain you in your old age. For your daughter-in-law, who loves you and is better to you than seven sons, has given him birth.”
Context
13Enti, Boas waree Rut de no kɔɔ ne fie. Afei, ɔkɔɔ ne ho na Awurade ma ɔnyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. 14Na kuro no mu mmaa ka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Animuonyam nka Awurade sɛ ɛnnɛ ɛda yi, wama woanya abusua gyefoɔ! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel. 15Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaawaberɛ mu na ɔnhwɛ wo wɔ wo mmerewabɔ mu. Ɛfiri sɛ ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsene mmammarima nson ma wo no babarima.” 16Na Naomi faa akɔkoaa no, na ɔhwɛɛ no te sɛ ɔno ankasa yafunu ba. 17Na mmaa a wɔne no bɔ fipam kaa sɛ, “Afei deɛ Naomi anya ɔbabarima bio.” Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nana.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.