Native Bible

Ruth 4:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Boas waree Rut de no kɔɔ ne fie. Afei, ɔkɔɔ ne ho na Awurade ma ɔnyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.

Ruth 4:13 in English

Ruth 4:13 · Berean Standard Bible

So Boaz took Ruth, and she became his wife. And when he had relations with her, the LORD enabled her to conceive, and she gave birth to a son.

Context

11Afei, ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no nyinaa sɔre gyinaeɛ kaa sɛ, “Yɛyɛ adansefoɔ! Awurade mmoa mma ɔbaa a afei na ɔreba wo fie no nyɛ sɛ Rahel ne Lea* a wɔn mu na Israel aman nyinaa firi no. Wobɛyɛ kɛse wɔ Efrata na woagye edin wɔ Betlehem. 12Na Awurade mfa ababaawa yi so mma wo asefoɔ a wɔbɛyɛ sɛ yɛn agya Peres* a ɔyɛ Tamar ne Yuda babarima no.” 13Enti, Boas waree Rut de no kɔɔ ne fie. Afei, ɔkɔɔ ne ho na Awurade ma ɔnyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. 14Na kuro no mu mmaa ka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Animuonyam nka Awurade sɛ ɛnnɛ ɛda yi, wama woanya abusua gyefoɔ! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel. 15Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaawaberɛ mu na ɔnhwɛ wo wɔ wo mmerewabɔ mu. Ɛfiri sɛ ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsene mmammarima nson ma wo no babarima.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.