Native Bible

Ruth 1:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, Naomi ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo kora asane kɔ ne nkurɔfoɔ ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.”

Ruth 1:15 in English

Ruth 1:15 · Berean Standard Bible

“Look,” said Naomi, “your sister-in-law has gone back to her people and her gods; follow her back home.”

Context

13mobɛtwɛn kɔsi sɛ wɔbɛnyinyini? Mobɛtena atwɛn wɔn anaa? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, ɛfiri sɛ, Awurade ayi ne nsa afiri me so!” 14Wɔsane twaa adwo bio. Afei, Orpa fee nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena. 15Nanso, Naomi ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo kora asane kɔ ne nkurɔfoɔ ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.” 16Na Rut buaa sɛ, “Nhyɛ me sɛ memfiri wo nkyɛn nsane nkɔ. Baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ hɔ bi na baabiara a wobɛtena no nso, mɛtena hɔ bi. Wo nkurɔfoɔ bɛyɛ me nkurɔfoɔ na wo Onyankopɔn ayɛ me Onyankopɔn. 17Baabi a wobɛwuo no, mɛwu hɔ bi na wɔasie me hɔ. Sɛ mamma owuo antete me ne wo ntam na ɛnam biribi foforɔ biara so a, Awurade ntwe mʼaso.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.