Ruth 1:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔsane twaa adwo bio. Afei, Orpa fee nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena.
Ruth 1:14 in English
Ruth 1:14 · Berean Standard Bible
Again they wept aloud, and Orpah kissed her mother-in-law goodbye, but Ruth clung to her.
Context
12Me mma, monsane nkɔ fie. Manyini, sɛ meware kunu bio a, ɛrenyɛ yie. Mpo, sɛ medwene sɛ anidasoɔ bi wɔ hɔ ma me sɛ nso anadwo yi ara mɛnya kunu na me ne no wo mmammarima a, 13mobɛtwɛn kɔsi sɛ wɔbɛnyinyini? Mobɛtena atwɛn wɔn anaa? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, ɛfiri sɛ, Awurade ayi ne nsa afiri me so!” 14Wɔsane twaa adwo bio. Afei, Orpa fee nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena. 15Nanso, Naomi ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo kora asane kɔ ne nkurɔfoɔ ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.” 16Na Rut buaa sɛ, “Nhyɛ me sɛ memfiri wo nkyɛn nsane nkɔ. Baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ hɔ bi na baabiara a wobɛtena no nso, mɛtena hɔ bi. Wo nkurɔfoɔ bɛyɛ me nkurɔfoɔ na wo Onyankopɔn ayɛ me Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.