Romafoɔ 9:2
Romans 9:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Medi awerɛhoɔ na mete daa yea wɔ me akoma mu ma me nkurɔfoɔ.
Romans 9:2 in English
Romans 9:2 · Berean Standard Bible
I have deep sorrow and unceasing anguish in my heart.
Context
1Mereka nokorɛ sɛ Kristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanseɛ kyerɛ me sɛ menni atorɔ. 2Medi awerɛhoɔ na mete daa yea wɔ me akoma mu ma me nkurɔfoɔ. 3Wɔn enti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔte me firi Kristo ho. 4Wɔyɛ Onyankopɔn manfoɔ a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asane atena nʼanimuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɛkwan pa a wɔfa so som ma wɔn nsa kaa bɔhyɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.