Native Bible

Romans 5:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na boasetɔ de osuahunu ba, ɛnna osuahunu de anidasoɔ ba.

Romans 5:4 in English

Romans 5:4 · Berean Standard Bible

perseverance, character; and character, hope.

Context

2Ɔnam gyidie so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu seesei no mu. Yɛn ani gye wɔ anidasoɔ mu sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn anim animuonyam. 3Afei, yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba, 4na boasetɔ de osuahunu ba, ɛnna osuahunu de anidasoɔ ba. 5Saa anidasoɔ yi renni yɛn hwammɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛdeɛ a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn akoma mu. 6Ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɛberɛ a yɛyɛ mmerɛ no, Kristo wu maa amumuyɛfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.