Native Bible

Romans 3:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn animuonyam abɔ wɔn,

Romans 3:23 in English

Romans 3:23 · Berean Standard Bible

for all have sinned and fall short of the glory of God,

Context

21Wɔada teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn, na ɛmfiri mmara no adi. Ɛno na Mmara no ne Adiyifoɔ no di ho adanseɛ. 22Saa teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn yi nam gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ hɔ ma agyidifoɔ nyinaa. Nsonsonoeɛ biara nni mu. 23Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn animuonyam abɔ wɔn, 24nanso ɔnam Kristo adom nkwagyeɛ no so abu wɔn nyinaa bem kwa. 25Onyankopɔn somaa Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔdeɛ mma yɛn. Kristo de ne mogya maaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, gyidie a yɛbɛnya wɔ ne mu enti wɔbɛgye yɛn. Saa afɔdeɛ yi ma yɛhunu sɛ, mmerɛ a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.