Native Bible

Romafoɔ 16:24

Twi· Change

Romans 16:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

Context

22Me Tertio, a meyɛ ɔtwerɛfoɔ ma Paulo yi nso, mede Awurade din mekyea mo. 23Gaio a asafo no hyia wɔ ne fie no nso kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne yɛn nua Kwarto se wɔkyea mo. 24Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. 25Momma yɛnyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na ɔtumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidie mu sɛdeɛ mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛdeɛ medaa nokorɛ ahintasɛm a ɛfiri teteete no adi kyerɛɛ mo no, 26wɔnam adiyifoɔ atwerɛsɛm a ɛfiri Onyankopɔn Teasefoɔ no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahunu sɛdeɛ aman nyinaa bɛgye adi na wɔayɛ ɔsetie ama no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.