Romafoɔ 14:11
Romans 14:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “ ‘Awurade ka sɛ, mete ase yi, obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim; na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.’ ”
Romans 14:11 in English
Romans 14:11 · Berean Standard Bible
It is written: “As surely as I live, says the Lord, every knee will bow before Me; every tongue will confess to God.”*
Context
9Na yei enti na Kristo wuiɛ, na ɔsɔreeɛ, na ɔnyaa nkwa sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔwura. 10Na wo, afei, adɛn enti na wobu wo nua atɛn? Na wo, adɛn enti na wobu wo nua animtia? Yɛn nyinaa bɛgyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn. 11Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“ ‘Awurade ka sɛ, mete ase yi,
obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim;
na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.’ ” 12Yɛn mu biara bɛbu ne ho akonta akyerɛ Onyankopɔn. 13Ɛno enti, momma yɛnnyae yɛn ho yɛn ho atemmuo. Mmom, deɛ ɛsɛ sɛ modwene ne sɛ, monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.