Romafoɔ 11:27
Romans 11:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na mɛdi apam a me ne wɔn ayɛ no so na mapepa wɔn bɔne.”
Romans 11:27 in English
Romans 11:27 · Berean Standard Bible
And this is My covenant with them when I take away their sins.”*
Context
25Me nuanom, ahintasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mote aseɛ, sɛdeɛ monnyɛ ahantan na monhoahoa mo ho. Yudafoɔ no mu bi apirim wɔn akoma, nanso sɛ amanamanmufoɔ no nyinaa dane ba Kristo nkyɛn a, ɛtoɔ bɛtwa. 26Enti Israelfoɔ nyinaa bɛnya nkwagyeɛ. Mokae deɛ adiyifoɔ no kaa wɔ yei ho?
“Agyenkwa no bɛfiri Sion aba,
na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu. 27Na mɛdi apam a me ne wɔn ayɛ no so
na mapepa wɔn bɔne.” 28Yudafoɔ no bebree ayɛ Asɛmpa no atamfoɔ. Na mo, amanamanmufoɔ anya ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de nʼakyɛdeɛ no ama mo. Nanso, Yudafoɔ yɛ ne ɔman a wapa wɔn ara, ɛsiane ɛbɔ a wahyɛ wɔn nananom enti, 29ɛfiri sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne frɛ no, wɔnsesa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.