Native Bible

Romans 10:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛnna wɔremmisa nso sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ awufoɔ asase so akɔnyane no aba nkwa mu”?

Romans 10:7 in English

Romans 10:7 · Berean Standard Bible

or, ‘Who will descend into the Abyss?’* (that is, to bring Christ up from the dead).”

Context

5Mose kyerɛɛ sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, ɔbɛtumi asɔ Onyankopɔn ani, ɛberɛ a ɔtwerɛeɛ sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔnya nkwa a, ɔnyɛ deɛ mmara no ka no nyinaa.” 6Nanso wɔn a wɔn gyidie enti Onyankopɔn agye wɔn no, mma wɔmmisa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?” 7Ɛnna wɔremmisa nso sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ awufoɔ asase so akɔnyane no aba nkwa mu”? 8Deɛ Atwerɛsɛm no ka nie, “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wʼakoma mu.” Yei ne asɛm a ɛfa gyidie ho a yɛka no. 9Sɛ wopae mu ka sɛ, “Yesu ne Awurade”, na wogye di sɛ Onyankopɔn na ɔnyanee no firii awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.