Native Bible

Romans 1:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mʼani nwu Asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidie nyinaa nkwa; Yudafoɔ kane ɛnna amanamanmufoɔ no nso.

Romans 1:16 in English

Romans 1:16 · Berean Standard Bible

I am not ashamed of the gospel, because it is the power of God for salvation to everyone who believes, first to the Jew, then to the Greek.

Context

14Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani ate ne wɔn a wɔn ani nteeɛ, wɔn a wɔasua adeɛ ne wɔn a wɔnsuaa adeɛ nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodie. 15Ɛno enti, mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo. 16Mʼani nwu Asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidie nyinaa nkwa; Yudafoɔ kane ɛnna amanamanmufoɔ no nso. 17Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛdeɛ Onyankopɔn ma yɛyɛ ateneneefoɔ, na ɛnam gyidie so na wama yɛayɛ saa. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa. 18Onyankopɔn da nʼabufuo adi firi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔde nokorɛ no hinta afoforɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.