Adiyisɛm 5:7
Revelation 5:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Odwammaa no kɔgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennwa so no nsa nifa mu.
Revelation 5:7 in English
Revelation 5:7 · Berean Standard Bible
And He came and took the scroll from the right hand of the One seated on the throne.
Context
5Afei, ɔpanin baako ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ɔfiri Yuda abusuakuo mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na ɔbɛtumi atete nsɔano nson no na wabue nwoma no mu.” 6Afei, mehunuu Odwammaa bi sɛ ɔgyina ahennwa no mfimfini a ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na ɛsɛ deɛ wɔakum Odwammaa no. Na ɔwɔ mmɛn nson ne aniwa nson a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson no a wɔasoma wɔn aba ewiase no. 7Odwammaa no kɔgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennwa so no nsa nifa mu. 8Ɔyɛɛ saa no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutuu Odwammaa no anim. Na wɔn mu biara kura sankuo ne sika ayowaa a aduhwam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefoɔ mpaeɛ. 9Wɔtoo dwom foforɔ sɛ,
“Wofata sɛ wofa nwoma no
na wote ne nsɔano no,
ɛfiri sɛ wɔkumm wo,
na ɛnam wo wuo so maa wɔtɔɔ nnipa firii aman ne
mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.