Adiyisɛm 5:14
Revelation 5:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Abɔdeɛ ɛnan no gyee so sɛ, “Amen!” Na mpanimfoɔ no butubutuu hɔ someeɛ.
Revelation 5:14 in English
Revelation 5:14 · Berean Standard Bible
And the four living creatures said, “Amen,” and the elders fell down and worshiped.*
Context
12reto dwom denden sɛ,
“Odwammaa a wɔkumm no no fata sɛ
ɔgye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden
ne anidie ne animuonyam ne nkamfoɔ!” 13Na metee sɛ abɔdeɛ a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ɛpo mu ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ewiase nyinaa reto dwom sɛ,
“Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi,
nka deɛ ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no,
daa daa!” 14Abɔdeɛ ɛnan no gyee so sɛ, “Amen!” Na mpanimfoɔ no butubutuu hɔ someeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.