Native Bible

Revelation 3:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapadeɛ, na obi anwia wo nkonim abotire no.

Revelation 3:11 in English

Revelation 3:11 · Berean Standard Bible

I am coming soon.* Hold fast to what you have, so that no one will take your crown.

Context

9Tie! Ekuo a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofoɔ a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba wʼanim abɛbu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa bɛhunu sɛ medɔ wo. 10Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ enti, sɛ ɔhaw a ɛreba ewiase nyinaa de asɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, mɛgye wo afiri mu. 11Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapadeɛ, na obi anwia wo nkonim abotire no. 12Deɛ ɔbɛdi nkonim no, mɛyɛ no odum me Onyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri mu bio da. Mɛtwerɛ me Onyankopɔn din ne me Onyankopɔn kuro din a ɛyɛ Yerusalem foforɔ a ɛbɛfiri ɔsoro me Onyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛtwerɛ me din foforɔ agu ne ho. 13Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.