Native Bible

Revelation 21:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔsii kuro no afasuo sii aboɔ dumienu a wɔatwerɛ Odwammaa no asomafoɔ dumienu no din wɔ so no so.

Revelation 21:14 in English

Revelation 21:14 · Berean Standard Bible

The wall of the city had twelve foundations bearing the names of the twelve apostles of the Lamb.

Context

12Na ne ɔfasuo no wɔ ahoɔden na ɛware yie nso. Apono dumienu gu ano a, abɔfoɔ dumienu na wɔhwɛ so. Na ɛpono biara so no wɔatwerɛ Israel mmusuakuo dumienu no mu baako din. 13Apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ; mmiɛnsa wɔ anafoɔ; mmiɛnsa wɔ atifi ɛnna mmiɛnsa wɔ atɔeɛ. 14Wɔsii kuro no afasuo sii aboɔ dumienu a wɔatwerɛ Odwammaa no asomafoɔ dumienu no din wɔ so no so. 15Ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ poma susudua a wɔde bɛsusu kuro no, nʼapono ne nʼafasuo. 16Na kuro no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛ yɛ pɛ. Ɔbɔfoɔ no de ne susudua no susuu kuro no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem mmienu ne ahanan (2,400), na ne tɛtrɛtɛ, ne ɔsorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.