Adiyisɛm 16:4
Revelation 16:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu nsubɔntene ne nsuwa mu maa ne nyinaa danee mogya.
Revelation 16:4 in English
Revelation 16:4 · Berean Standard Bible
And the third angel poured out his bowl into the rivers and springs of water, and they turned to blood.
Context
2Ɔbɔfoɔ a ɔdi ɛkan no kɔhwiee ne kuruwa no mu abufuo guu asase so. Akuro a ɛyɛ hu na ɛyɛ yea tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyiraeɛ no ne wɔn a wɔsom ne sɛso ohoni no nso. 3Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu ɛpo mu. Nsuo no danee sɛ owufoɔ mogya, na abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu wɔ ɛpo no mu no wuiɛ. 4Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu nsubɔntene ne nsuwa mu maa ne nyinaa danee mogya. 5Metee sɛ ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ nsuo so no reka sɛ,
“wʼatɛn a wobuo no yɛ atɛntenenee.
Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dada, 6ɛfiri sɛ wahwie mo ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu,
woama wɔn mogya sɛ wɔnnom, sɛdeɛ ɛfata wɔn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.