Adiyisɛm 12:13
Revelation 12:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a ɔwɔ no hunuu sɛ wɔato no atwene asase so no, ɔtaa ɔbaa a wawo abarimaa no.
Revelation 12:13 in English
Revelation 12:13 · Berean Standard Bible
And when the dragon saw that he had been thrown to the earth, he pursued the woman who had given birth to the male child.
Context
11Yɛn nuanom no nam Odwammaa no mogya so
ne nokorɛ a ɔdaa no adi so
dii ne so nkonim.
Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ
na wɔawuwu. 12Enti, mo ɔsoro ne mo a motete hɔ no,
momma mo ani nnye.
Afei, asase ne ɛpo nnue!
Ɛfiri sɛ, ɔbonsam no atoa mo!
Na ne bo afu,
ɛfiri sɛ, ɔnim sɛ ne ɛberɛ a aka sua.” 13Ɛberɛ a ɔwɔ no hunuu sɛ wɔato no atwene asase so no, ɔtaa ɔbaa a wawo abarimaa no. 14Wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ ntaban akɛseɛ mmienu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi atu akɔ baabi a wɔasiesie ama no wɔ ɛserɛ so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfeɛ mmiɛnsa ne fa sɛdeɛ ɔwɔ no renni nʼakyi bio. 15Afei, ɔwɔ no puu nsuo te sɛ asubɔnten dii ɔbaa no akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛfa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.