Adiyisɛm 1:9
Revelation 1:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mene Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifoɔ. Yɛhunu amane ɛfiri sɛ Yesu ne yɛn ɔhene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokorɛ a Yesu daa no adi enti, wɔtwaa me asuo de me kɔɔ Supɔ Patmo so.
Revelation 1:9 in English
Revelation 1:9 · Berean Standard Bible
I, John, your brother and partner in the tribulation and kingdom and perseverance that are in Jesus, was on the island of Patmos because of the word of God and my testimony about Jesus.
Context
7Ɔnam omununkum mu reba.
Wɔn a wɔwɔɔ no pea no
ne obiara bɛhunu no.
Asase so nnipa nyinaa bɛsu no.
Ɛbɛba mu saa. Amen. 8Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega* a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.” 9Mene Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifoɔ. Yɛhunu amane ɛfiri sɛ Yesu ne yɛn ɔhene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokorɛ a Yesu daa no adi enti, wɔtwaa me asuo de me kɔɔ Supɔ Patmo so. 10Awurade da no,* Honhom no faa me na metee nne denden bi a ɛte sɛ totorobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi. 11Ɛkaa sɛ, “Twerɛ biribiara a wohunu, na fa nwoma no kɔma saa asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.