Native Bible

Revelation 1:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega* a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.”

Revelation 1:8 in English

Revelation 1:8 · Berean Standard Bible

“I am the Alpha and the Omega,*” says the Lord God, who is and was and is to come—the Almighty.

Context

6Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfoɔ sɛ yɛnsom ne Onyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen. 7Ɔnam omununkum mu reba. Wɔn a wɔwɔɔ no pea no ne obiara bɛhunu no. Asase so nnipa nyinaa bɛsu no. Ɛbɛba mu saa. Amen. 8Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega* a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.” 9Mene Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifoɔ. Yɛhunu amane ɛfiri sɛ Yesu ne yɛn ɔhene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokorɛ a Yesu daa no adi enti, wɔtwaa me asuo de me kɔɔ Supɔ Patmo so. 10Awurade da no,* Honhom no faa me na metee nne denden bi a ɛte sɛ totorobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.