Adiyisɛm 1:3
Revelation 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nhyira nka obiara a ɔbɛkan saa nwoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wɔtie adiyisɛm no na wɔdi so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no. Ɛberɛ no abɛn.
Revelation 1:3 in English
Revelation 1:3 · Berean Standard Bible
Blessed is the one who reads aloud the words of this prophecy, and blessed are those who hear and obey what is written in it, because the time is near.
Context
1Nwoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne ɔbɔfoɔ kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no, 2sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ɔhunuiɛ. Yei ne nʼadansedie ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ne nokorɛ a Yesu Kristo daa no adi no. 3Nhyira nka obiara a ɔbɛkan saa nwoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wɔtie adiyisɛm no na wɔdi so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no. Ɛberɛ no abɛn. 4Yohane,
Nkyea a ɔkyea asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no nie:
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom nson a wɔwɔ nʼahennwa anim, 5ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo.
Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wuo no so agye yɛn afiri yɛn bɔne mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.