Native Bible

Revelation 1:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ɔhunuiɛ. Yei ne nʼadansedie ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ne nokorɛ a Yesu Kristo daa no adi no.

Revelation 1:2 in English

Revelation 1:2 · Berean Standard Bible

who testifies to everything he saw. This is the word of God and the testimony of Jesus Christ.

Context

1Nwoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne ɔbɔfoɔ kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no, 2sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ɔhunuiɛ. Yei ne nʼadansedie ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ne nokorɛ a Yesu Kristo daa no adi no. 3Nhyira nka obiara a ɔbɛkan saa nwoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wɔtie adiyisɛm no na wɔdi so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no. Ɛberɛ no abɛn. 4Yohane, Nkyea a ɔkyea asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no nie: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom nson a wɔwɔ nʼahennwa anim,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.