Nnwom 99:2
Psalms 99:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade a ɔwɔ Sion yɛ kɛseɛ; wɔama ne so wɔ amanaman nyinaa mu.
Psalms 99:2 in English
Psalms 99:2 · Berean Standard Bible
Great is the LORD in Zion; He is exalted above all the peoples.
Context
1Awurade di ɔhene,
momma amanaman no ho mpopo;
ɔte nʼahennwa so wɔ Kerubim ntam,
ma asase nwoso. 2Awurade a ɔwɔ Sion yɛ kɛseɛ;
wɔama ne so wɔ amanaman nyinaa mu. 3Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwanwa no.
Ɔyɛ kronkron. 4Ɔhene no yɛ kɛseɛ, ɔdɔ atɛntenenee,
woama pɛpɛyɛ atim;
wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene
wɔ Yakob mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.