Nnwom 95:9
Psalms 95:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ me hwɛeɛ, a na wɔnim deɛ meyɛ maa wɔn.
Psalms 95:9 in English
Psalms 95:9 · Berean Standard Bible
where your fathers tested and tried Me, though they had seen My work.
Context
7Ɔyɛ yɛn Onyankopɔn;
yɛyɛ nʼadidibea nnipa,
ne nnwankuo a ɔhwɛ wɔn so.
Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, 8mommpirim mo akoma sɛdeɛ moyɛɛ wɔ Meriba no,
sɛdeɛ moyɛɛ da no wɔ Masa, ɛserɛ no so no, 9Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ me hwɛeɛ,
a na wɔnim deɛ meyɛ maa wɔn. 10Me bo fuu saa nnipa no mfeɛ aduanan
na mekaa sɛ, “Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho,
na wɔanhunu mʼakwan.” 11Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ,
“Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.