Nnwom 81:13
Psalms 81:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɛ me nkurɔfoɔ tie me, na Israel nante mʼakwan so a,
Psalms 81:13 in English
Psalms 81:13 · Berean Standard Bible
If only My people would listen to Me, if Israel would follow My ways,
Context
11“Nanso me nkurɔfoɔ rentie me;
Israel remmrɛ ne ho ase mma me. 12Enti megyaa wɔn maa wɔn akomaden
sɛ wɔnyɛ deɛ wɔpɛ biara. 13“Sɛ me nkurɔfoɔ tie me,
na Israel nante mʼakwan so a, 14anka mɛdi wɔn atamfoɔ so ama wɔn ntɛm
na mama me basa so atia wɔn a wɔkyiri wɔn! 15Wɔn a wɔtane Awurade no de suro bɛkoto no,
na wɔn asotwe to rentwa da.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.