Nnwom 79:4
Psalms 79:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛayɛ animtiabudeɛ ama yɛn mfɛfoɔ, fɛdie ne nsopa ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.
Psalms 79:4 in English
Psalms 79:4 · Berean Standard Bible
We have become a reproach to our neighbors, a scorn and derision to those around us.
Context
2Wɔde wʼasomfoɔ afunu ayɛ aduane
ama ewiem nnomaa,
na wɔde wʼahotefoɔ ɛnam ama asase so mmoa. 3Wɔahwie mogya agu te sɛ nsuo
wɔ Yerusalem ho nyinaa,
na obiara nni hɔ a ɔbɛsie awufoɔ no. 4Yɛayɛ animtiabudeɛ ama yɛn mfɛfoɔ,
fɛdie ne nsopa ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia. 5Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo bo bɛfu afebɔɔ anaa?
Wo ninkunu bɛdɛre sɛ ogya akɔsi da bɛn? 6Hwie wʼabofuo gu amanaman
a wɔnni woɔ no so,
ahennie a
wɔmmɔ wo din no;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.