Nnwom 78:21
Psalms 78:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Awurade tee deɛ wɔreka no, ne bo fuu yie; ne ogya bɛguu Yakob so, na nʼabufuhyeɛ sɔre tiaa Israel,
Psalms 78:21 in English
Psalms 78:21 · Berean Standard Bible
Therefore the LORD heard and was filled with wrath; so a fire was kindled against Jacob, and His anger flared against Israel,
Context
19Wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ,
“Onyankopɔn bɛtumi ato ɛpono wɔ ɛserɛ so anaa? 20Ɔde adeɛ bɔɔ ɔbotan mu no, nsuo to firi mu baeɛ,
na nsuwa bebree tenee hɔ.
Na ɔbɛtumi ama yɛn aduane nso?
Ɔbɛtumi ama ne nkurɔfoɔ ɛnam anaa?” 21Ɛberɛ a Awurade tee deɛ wɔreka no, ne bo fuu yie;
ne ogya bɛguu Yakob so,
na nʼabufuhyeɛ sɔre tiaa Israel, 22ɛfiri sɛ, na wɔnni Onyankopɔn mu gyidie
anaasɛ ne nkwagyeɛ mu ahotosoɔ. 23Nanso, ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro ɔhyɛ so;
na ɔbuee ɔsorosoro apono.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.