Native Bible

Psalms 77:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Woamma mʼani ankum; amanehunu dodoɔ enti, mantumi ankasa.

Psalms 77:4 in English

Psalms 77:4 · Berean Standard Bible

You have kept my eyes from closing; I am too troubled to speak.

Context

2Ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade; metrɛɛ me nsa a ɛmpa aba mu anadwo na me kra ampene sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ. 3Ao Onyankopɔn mekaee wo, na mesii apinie; medwendweneeɛ, na me honhom tɔɔ piti. 4Woamma mʼani ankum; amanehunu dodoɔ enti, mantumi ankasa. 5Medwenee nna a atwam no ho, teteete mfeɛ no ho; 6mekaee me nnwom a na meto no anadwo. Mʼakoma dwenee ho na me honhom bisaa sɛ:

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.