Nnwom 76:4
Psalms 76:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wo ho hann no hyerɛn, na wo so sene mmepɔ a mmoadoma ahyɛ mu ma no.
Psalms 76:4 in English
Psalms 76:4 · Berean Standard Bible
You are resplendent with light, more majestic than mountains filled with game.
Context
2Ne ntomadan si Salem,
ne tenaberɛ wɔ Sion. 3Ɛhɔ na ɔbubuu mmemma a ɛte ogya,
ɛkyɛm ne akofena, akodeɛ nyinaa mu. 4Wo ho hann no hyerɛn,
na wo so sene mmepɔ a mmoadoma ahyɛ mu ma no. 5Mmarima akokoɔdurufoɔ deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma,
wɔadeda awufoɔ nna;
na akofoɔ no mu baako mpo
ntumi mpagya ne nsa. 6Ao Yakob Onyankopɔn, wokaa wɔn anim no
apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.