Nnwom 74:21
Psalms 74:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mma wɔn a wɔahyɛ wɔn soɔ no anim nngu ase; ma ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ nkamfo wo din.
Psalms 74:21 in English
Psalms 74:21 · Berean Standard Bible
Do not let the oppressed retreat in shame; may the poor and needy praise Your name.
Context
19Mfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa;
mma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no nkwa afebɔɔ. 20Ma wʼapam no ho nhia wo,
ɛfiri sɛ akakabensɛm ahyɛ asase no so sum ma. 21Mma wɔn a wɔahyɛ wɔn soɔ no anim nngu ase;
ma ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ nkamfo wo din. 22Ao Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm;
kae sɛdeɛ nkwaseafoɔ sere wo da mu nyinaa. 23Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteateam so,
wʼatamfoɔ gyegyeegye a ɛkɔ soro daa no.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔnto no sɛdeɛ wɔto “Nsɛe No” nne so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.