Nnwom 7:8
Psalms 7:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ma Awurade mmu nnipa no atɛn. Bu me atɛn, Ao Awurade sɛdeɛ me teneneeyɛ teɛ, sɛdeɛ me nokorɛdie teɛ, Ao Ɔsorosoroni.
Psalms 7:8 in English
Psalms 7:8 · Berean Standard Bible
The LORD judges the peoples; vindicate me, O LORD, according to my righteousness and integrity.
Context
6Sɔre wʼabufuo mu, Ao Awurade!
Sɔre tia mʼatamfoɔ abufuo.
Nyane, me Onyankopɔn; hyɛ atɛntenee mmara. 7Ma nnipadɔm mmɛtwa wo ho nhyia.
Firi soro hɔ di wɔn so; 8ma Awurade mmu nnipa no atɛn.
Bu me atɛn, Ao Awurade sɛdeɛ me teneneeyɛ teɛ,
sɛdeɛ me nokorɛdie teɛ, Ao Ɔsorosoroni. 9Ao Onyankopɔn teneneeni,
wo a wohwehwɛ adwene ne akoma mu,
fa amumuyɛfoɔ basabasayɛ bra awieeɛ
na ma ateneneefoɔ nya banbɔ. 10Mʼakokyɛm ne Ɔsorosoro Onyankopɔn
deɛ ɔgye akoma mu teneneeni no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.