Native Bible

Psalms 7:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ ɔtu tokuro na ɔyi mu dɔteɛ no hwe tokuro a watu no mu.

Psalms 7:15 in English

Psalms 7:15 · Berean Standard Bible

He has dug a hole and hollowed it out; he has fallen into a pit of his own making.

Context

13Wasiesie ne kɔdiawuo akodeɛ; ayɛ ne bɛmma a ɛrederɛ no krado. 14Deɛ ɔnyinsɛn amumuyɛ na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa. 15Deɛ ɔtu tokuro na ɔyi mu dɔteɛ no hwe tokuro a watu no mu. 16Ɔhaw a ɔde ba no dane bɔ nʼankasa so; ne basabasayɛ bɔ nʼankasa tiri so. 17Mede aseda bɛma Awurade ne tenenee enti na mato ayɛyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “gittit” sankuo nne so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.