Nnwom 7:11
Psalms 7:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn yɛ ɔtemmufoɔ teneneeni, Onyame a ɔda nʼabufuo adi da biara.
Psalms 7:11 in English
Psalms 7:11 · Berean Standard Bible
God is a righteous judge and a God who feels indignation each day.
Context
9Ao Onyankopɔn teneneeni,
wo a wohwehwɛ adwene ne akoma mu,
fa amumuyɛfoɔ basabasayɛ bra awieeɛ
na ma ateneneefoɔ nya banbɔ. 10Mʼakokyɛm ne Ɔsorosoro Onyankopɔn
deɛ ɔgye akoma mu teneneeni no. 11Onyankopɔn yɛ ɔtemmufoɔ teneneeni,
Onyame a ɔda nʼabufuo adi da biara. 12Sɛ wansesa nʼadwene a,
ɔbɛse nʼakofena ano;
ɔbɛkuntunu ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu. 13Wasiesie ne kɔdiawuo akodeɛ;
ayɛ ne bɛmma a ɛrederɛ no krado.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.