Native Bible

Psalms 68:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao ewiase ahennie, monto dwom mma Onyankopɔn, monto ayɛyi dwom mma Awurade,

Psalms 68:32 in English

Psalms 68:32 · Berean Standard Bible

Sing to God, O kingdoms of the earth; sing praises to the Lord— Selah

Context

30Ka aboa a ɔhyɛ demmire mu no anim, ne anantwinini kuo a wɔhyɛ amanaman no anantwie mma mu no. Brɛ wɔn ase kɔsi sɛ wɔde dwetɛ mpɔ bɛba. Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam. 31Ananmusifoɔ bɛfiri Misraim aba, na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn. 32Ao ewiase ahennie, monto dwom mma Onyankopɔn, monto ayɛyi dwom mma Awurade, 33monto mma deɛ ɔte tete soro soro so no, na ɔde nne kɛseɛ bobɔ mu no. 34Mompae mu nka Onyankopɔn tumi, deɛ ne kɛseyɛ hata Israel so no, na ne tumi wɔ soro soro no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.