Nnwom 67:4
Psalms 67:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom, ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.
Psalms 67:4 in English
Psalms 67:4 · Berean Standard Bible
Let the nations be glad and sing for joy, for You judge the peoples justly and lead the nations of the earth. Selah
Context
2na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so,
ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu. 3Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn;
ma nnipa nyinaa nkamfo wo. 4Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom,
ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee mu
na woma asase so amanaman no akwankyerɛ. 5Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn;
ma nnipa nyinaa nkamfo wo! 6Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbaeɛ,
na Onyankopɔn, yɛn Onyankopɔn ahyira yɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.