Nnwom 62:10
Psalms 62:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mommfa mo ho nto nsisie so na monnhoahoa mo ho korɔnodeɛ ho; ɛwom sɛ mo ahonya dɔɔso deɛ, nanso mommfa mo akoma nto so.
Psalms 62:10 in English
Psalms 62:10 · Berean Standard Bible
Place no trust in extortion, or false hope in stolen goods. If your riches increase, do not set your heart upon them.
Context
8Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa;
monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,
ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea. 9Nnipa nyinaa te sɛ home;
akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nka hwee;
sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee;
wɔn nyinaa bɔ mu a, wɔyɛ home mu tutuo. 10Mommfa mo ho nto nsisie so
na monnhoahoa mo ho korɔnodeɛ ho;
ɛwom sɛ mo ahonya dɔɔso deɛ,
nanso mommfa mo akoma nto so. 11Asɛm baako na Onyankopɔn aka,
nsɛm mmienu na mateɛ sɛ,
wo, Onyankopɔn, wo na wowɔ ahoɔden, 12na wo, Awurade, wo na woyɛ adɔeɛ.
Ampa ara, wobɛtua obiara ka
sɛdeɛ nʼadwuma teɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.