Nnwom 59:5
Psalms 59:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso; nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ no mmɔbɔ.
Psalms 59:5 in English
Psalms 59:5 · Berean Standard Bible
O LORD God of Hosts, the God of Israel, rouse Yourself to punish all the nations; show no mercy to the wicked traitors. Selah
Context
3Hwɛ sɛdeɛ wɔatɛ repɛ me akum me
akokobirefoɔ bɔ pɔ bɔne tia me
a ɛnyɛ mfomsoɔ anaa bɔne bi a mayɛ enti, Ao Awurade. 4Menyɛɛ mfomsoɔ bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛto ahyɛ me so.
Sɔre bɛgye me; hwɛ mʼamanehunu! 5Ao Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn,
ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso;
nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ no mmɔbɔ. 6Wɔsane ba anwummerɛ,
wɔpɔ so sɛ nkraman,
na wɔkyinkyin kuropɔn no mu. 7Hwɛ deɛ wɔfe firi wɔn anomu,
wɔfe akofena firi wɔn anomu
na wɔka sɛ: “Hwan na ɔteɛ”?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.